Cancion : Wogya Me Ho A Artista : Oheneba Kissi Album : ABC Of Love Url : https://www.letras10.co/letra-wogya-me-ho-a-de-oheneba-kissi Wogya me hɔ a mɛwu ei Wogya me hɔ a mɛwu o M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔWogya me hɔ a mɛwu Wogya me hɔ a mɛwu ei Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ Wogya me hɔ a mɛwu Wogya me hɔ a mɛwu ei Wogya me hɔ a mɛwu o M'awerɛkyekyerɛ, m′anidasoɔ Wogya me hɔ a mɛwu Wogya me hɔ a mɛwu ei Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ Wogya me hɔ a mɛwu Dear ei, wo ne me nsuo a menom Wokaa asɛm bi maa no tɔɔ me tiri mu Maa no yɛɛ me dɛdɛɛdɛ Ɔdɔ, wo ne me nsuo a menom o Wokaa asɛm bi too me tiri mu aah Maa me tiri mu yɛɛ me dɛdɛɛdɛ aah Sweetie, wosee me sɛ Sɛneɛ ɔbra no de yɛn bɛsi biara Wo deɛ wo ne me ara o Afei nso me ne wo mmienu dɔ no Akɔyɛ sɛ sumina ne kɔkɔsakyi deɛ no aah Opuro ne abɛ dɔ Anaasɛ ɔsɔfoɔ ne nsɛmpaka Baabi a wobɛhyia baako biara Na ɔkoro no ka ne ho Ebi kɔ gya bi a, ɛnyɛ yie Na adɛn na woreyɛ ayi me ama yi aah? Na ɔdɔ ei Wogya me hɔ a mɛwu ei Wogya me hɔ a mɛwu o M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ Wogya me hɔ a mɛwu Wogya me hɔ a mɛwu ei Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ Wogya me hɔ a mɛwu Na mennim sɛ saa na ɔdɔ teɛ Obidombie ei, woakyerɛ me aah-eh Afei na worebɛgya me hɔ anaa? Ɔdwomtofoɔ bi se, "Ɔdɔ mfitiaseɛ ɛ′fɛ N'awieɛ na akɔyɛ biribi a ɛwɔ hɔ" Me ne wo dɔ yi, saa ara na ɛrebɛyɛ anaa? Merebisa wo Wose baabi a ɔdɔ wɔ no Anigyeɛ nko ara o, awerɛhoɔ nni hɔ Afei deɛ ɛbaa no sɛn ni a Na woama nisuo afɔ sumiiɛ yi? Dua korɔ gye mframa a ɛbu Wogyaa me nansa pɛ yi, meda a menna Mmm, m'awerɛkyekyerɛ, m′anidasoɔ Nkɔ nnya me akyiri o, na Afrakomaa ei Na nka mennim sɛ saa na ɔdɔ teɛ aah Nanso Obidombie ei, woakyerɛ me aah-eh Afei na worebɛgya me mu anaa? Ɔdwomtofoɔ bi se, "Ɔdɔ mfitiaseɛ ɛ′fɛ N'awieɛ na akɔyɛ biribi a ɛwɔ hɔ" Me ne wo dɔ yi, saa ara na ɛrebɛyɛ anaa? Sweetie Yɛse baabi a ɔdɔ wɔ no Anigyeɛ nko ara o, awerɛhoɔ nni hɔ Afei deɛ ɛbaa no sɛn ni a Na woama nisuo afɔ sumiiɛ yi? Dua korɔ gye mframa a ɛbu Wogyaa me nansa pɛ yi, meda a menna Mmm, m′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ Nkɔ nnya me akyiri o, Afrakomaa ei (Wogya me hɔ a mɛwu ei) ooh-eee Wogya me hɔ a mɛwu o M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ (Wogya me hɔ a mɛwu) awerɛhoɔ bɛku me o Wogya me hɔ a mɛwu ei Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ (Wogya me hɔ a mɛwu) eh, anyɛ saa a biribi bɛyɛ me aah (Wogya me hɔ a mɛwu ei) boo, boo, boo-ei (Wogya me hɔ a mɛwu o) mmm. hmm. hmm M'awerɛkyekyerɛ, m′anidasoɔ (Wogya me hɔ a mɛwu) menni anidasoɔ biara aah Wogya me hɔ a mɛwu ei (Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei) agye wo nko ara aah M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ (Wogya me hɔ a mɛwu) ɛnkɔ nnya me akyiri o Wogya me hɔ a mɛwu ei Wogya me hɔ a mɛwu o M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ (Wogya me hɔ a mɛwu) ɛmfa biribi ara nyɛ me o Wogya me hɔ a mɛwu ei (Ɔdɔ, na nkɔ nnya me akyiri ei) yie ei, biribi bɛyɛ me aah M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ (Wogya me hɔ a mɛwu) ɔdɔ ei (Wogya me hɔ a mɛwu ei) mmm Wogya me hɔ a mɛwu o M′awerɛkyekyerɛ, m'anidasoɔ (Wogya me hɔ a mɛwu) Afrakoma ei Wogya me hɔ a mɛwu ei Ɔdɔ, na- ========================== Letra descargada de Letras10.co ==========================